Esipi sɛ Allah atwerɛ papa ne bɔne ahodoɔ nyina ara, ɛna afei Wakyerɛ mu, na obi a ɔbɛbɔ ne ho mmɔden sɛ ɔreyɛ papa bi na wantumi anyɛ no, Allah twerɛ papa n'akatua a ɛhyɛ ma ma no, na sɛ ɔbɔ ne ho mmɔden na ɔyɛ nso a, Allah twerɛ akatua pa ɛfiri ɛdu kɔpem ahanson ne…

Esipi sɛ Allah atwerɛ papa ne bɔne ahodoɔ nyina ara, ɛna afei Wakyerɛ mu, na obi a ɔbɛbɔ ne ho mmɔden sɛ ɔreyɛ papa bi na wantumi anyɛ no, Allah twerɛ papa n'akatua a ɛhyɛ ma ma no, na sɛ ɔbɔ ne ho mmɔden na ɔyɛ nso a, Allah twerɛ akatua pa ɛfiri ɛdu kɔpem ahanson ne mmɔho mmɔho bebree ma no, na neɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔyɛ bɔne bi na wanyɛ no, Allah twerɛ nhyira a ɛhyɛ ma ma no, na sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ bɔne bi na sɛ ɔyɛ ampa a, Allah twerɛ bɔne baako pɛ na ma no>>

Yɛnyaa hadisi yi firii Ibn Abbas nkyɛn -Allah nnye Ɔne Ɔpapa ntom. Wɔ neɛ ɔkɔmhyɛni (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) kaaɛ firii n'awurade Okokuroko nkyɛn ne sɛ: <>.

[صحيح] [متفق عليه]

الشرح

Allah somafoɔ no Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rekyerɛ yɛn mu sɛ Allah ahyehyɛ nnwumadi pa ne bɔne nyina ara, ɛna afei Wakyerɛ abɔfoɔ mmienu no sɛneɛ ɔbɛtwerɛ no: Na obibiara a ɔbɛsusu na wapɛ sɛ ɔyɛ papa bi no, ɔtwerɛ papa baako ma no sɛ mpo wannya anyɛ mpo a, na sɛ ɔyɛ nso a, Ɔyɛ no mmɔho du kɔpem mmɔho ahanson, ne mmɔho- mmɔho bebree, na mmɔho no gyina sɛneɛ gyedie krɔgyenn a ɛwɔ n'akoma mu si teɛ so, ne sɛneɛ mfasoɔ no trɛ ne neɛ ɛkeka ho. Na neɛ ɔbɛsusu na wapɛ sɛ ɔyɛ bɔne bi na wagyae bɔne no Allah nti no, Wɔtwerɛ papa ma no, na mmom sɛ ɔgyae esiane n'adwene a ɛfirii so na wannyɛ nneɛma a ɛho hia a, wɔntwerɛ biribiara mma no, na sɛ ɔgyae bɔne no esiane sɛ ɔntumi nyɛ nti a, ɔbɛtwerɛ no nkankyeɛ no ama no, na sɛ ɔyɛ nso a ɔtwerɛ bɔne akatua baako pɛ na ɛma no.

فوائد الحديث

Nkyerɛkyerɛmu a ɛfa Allah Okokuroko no adom a ɛwɔ saa dɔmkuo yi so, wɔ sɛneɛ Ɔyɛ papa akatua mmɔho-mmɔho na Ɔtwerɛ wɔ Ne nkyɛn, na mmom Ɔnnyɛ bɔne akatua mmɔho-mmɔho.

Nkankyeɛ ho mfasoɔ wɔ dwumadie so ne ɛso nsunsuansoɔ.

Mfasoɔ a ɛwɔ Allah Otumfoɔ n'ayamyɛ ne Ne papa sɛ obibiara a ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔreyɛ papa bi na wantumi anyɛ no, Allah twerɛ akatua pa ma no.

التصنيفات

Oneness of Allah's Names and Attributes