إعدادات العرض
Monim neɛ wɔfrɛ no kɔnkɔnsa?, wɔkaa sɛ: Allah ne no somafoɔ na nim, wɔkaa sɛ: <
Monim neɛ wɔfrɛ no kɔnkɔnsa?, wɔkaa sɛ: Allah ne no somafoɔ na nim, wɔkaa sɛ: <
Yɛnyaa Hadisi yi firii Abu Hurayrah nkyɛn, Allah nnye no ntom, sɛ Allah somafoɔ, Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa sɛ: <
الترجمة
العربية বাংলা Bosanski English Español فارسی Français Bahasa Indonesia Русский Tagalog Türkçe اردو 中文 हिन्दी Kurdî Hausa Português മലയാളം తెలుగు Kiswahili தமிழ் မြန်မာ Deutsch 日本語 پښتو Tiếng Việt অসমীয়া Shqip Svenska Čeština ગુજરાતી Yorùbá Nederlands ئۇيغۇرچە සිංහල دری Fulfulde Magyar ಕನ್ನಡ Кыргызча Lietuvių or Română Kinyarwanda Српски O‘zbek Moore नेपाली тоҷикӣ Wolof Soomaali Български Українська Azərbaycan ქართული Bambara Македонски Ελληνικά ភាសាខ្មែរ አማርኛ Malagasy Oromoo ไทย मराठी ਪੰਜਾਬੀ Lingala Italianoالشرح
Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rekyerɛkyerɛ sɛdeɛ wabra kɔnkɔnsa ankasa, na ɛne sɛ woreka muslimini bi a ɔnni hɔ akyiriasɛm a ɔmpɛ, sɛ ɛyɛ ne bɔbea anaa ne suban bi, sɛ ebia: anikyew, ɔsisifoɔ, nkontomponi ne suban bɔne a ɛkeka ho, ɛmpo sɛ ɔwɔ saa suban no mu a. Na mmom sɛdeɛ woreka no nnim a, ɛneɛ na wei ano yɛ den sene kɔnkɔnsa, ɛno yɛ nantinitwitwa, kyerɛ sɛ woreka asɛm bi ato onipa bi so a ɛnni mu.فوائد الحديث
Ɔkwan pa a ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no fa so kyerɛ adeɛ, sɛneɛ ɔbisa nsɛm bi wɔ nsɛmmisa kwan so.
Obuo a na asuafoɔ no wɔ ma ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no, wɔ berɛ a wɔkaa sɛ: Allah ne No somafoɔ nko ara na nim.
Sɛ woreka sɛ 'Allah na nim' berɛ a wabisa wo biribi a wonni ho nimdeɛ.
Sɛdeɛ Islam mmrasɛm no nam kyɛfa ne anuadɔ ɛwɔ yɛn ntam rebɔ yɛn mpatamu ho ban.
Yɛabra kɔnkɔnsa agye wɔ tebea ahodoɔ bi mu a ɛfata; na ɛmu bi ne: woresi asisie bi ho kwan, wɔ berɛ a deɛ yɛasisi no a ɔrentumi nnye no kyɛfa no reka akyerɛ obi a ɔbɛtumi agye no kyɛfa ama no, na waka sɛ: asomasi asisi me, anaa wayɛ me sɛi, na ebi nso ne sɛ: worehwehwɛ adwenkyerɛ wɔ awareɛ, ayɔnkofa ne fipam mu, ne deɛ ɛtete saa.