Berɛ a akoa bɛn n’awurade pa ara ne berɛ a ɔde n’anim abutu fam, ɛno nti mommɔ mpaeɛ pii

Berɛ a akoa bɛn n’awurade pa ara ne berɛ a ɔde n’anim abutu fam, ɛno nti mommɔ mpaeɛ pii

Yɛnyaa Hadisi yi firii Abu Hurayrah nkyɛn, Allah nnye no ntom, sɛ Allah somafoɔ, Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa sɛ: <>.

[صحيح] [رواه مسلم]

الشرح

Ɔkɔmhyɛni -Allah nhyira ne n’asomdwoeɛ nka no- rekyerɛ mu sɛ berɛ a akoa bɛn n’awurade pa ara ne berɛ a ɔde n’anim abutu fam; ɛne sɛ Onyamefrɛni no de ne honamdua a ɛwɔ soro na ɛkrɔn sene honamdua no nyina ara bɔ fam wɔ tuwoho akyɛ mu, ne ahobraseɛ mu ma Allah Okokuroko no wɔ berɛ a ɔde n’anim abutu fam. Na Ɔkɔmhyɛni ahyɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpaeɛ pii wɔ berɛ a y’anim butu fam, saa nneyɛɛ no ka ahobraseɛ a yɛwɔ ma Allah wɔ kasa ne nneyɛɛ afa mu bom.

فوائد الحديث

Sotie ma akoa bɛn Allah Ɔhoteeni Okokuroko no.

Pɛ a ɔpɛ sɛ yɛbɔ mpaeɛ pii wɔ brɛ a yɛde y’anim abutu fam ama Allah, ɛfiri sɛ ɛka beaɛ a ɔgye mpaebɔ.

التصنيفات

Causes for Answering or not Answering Supplications