<< Na abranteɛ bi wɔ hɔ a ɔde sika bɔ amanfoɔ bosea, na na ɔka kyerɛ ne ba barima sɛ: sɛ woma obia ne ho akyere no (bosea) a, fa firi no ɛbia na Allah nso de yɛn (bɔne) afiri yɛn

<< Na abranteɛ bi wɔ hɔ a ɔde sika bɔ amanfoɔ bosea, na na ɔka kyerɛ ne ba barima sɛ: sɛ woma obia ne ho akyere no (bosea) a, fa firi no ɛbia na Allah nso de yɛn (bɔne) afiri yɛn

Abu Hurayrah Allah nnye no ntom kaa sɛ; Allah somafoɔ Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa sɛ: << Na abranteɛ bi wɔ hɔ a ɔde sika bɔ amanfoɔ bosea, na na ɔka kyerɛ ne ba barima sɛ: sɛ woma obia ne ho akyere no (bosea) a, fa firi no ɛbia na Allah nso de yɛn (bɔne) afiri yɛn, nti ɔhyia Allah na Ɔde ne bɔne firii no>>.

[Sahih/Authentic.] [Al-Bukhari and Muslim]

الشرح

Ɔkɔmhyɛni -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- rebɔ yɛn amaneɛ fa abranteɛ bi a na ɔde sika bɔ amanfoɔ bosea, anaa ɔde adeɛ firi amanfoɔ, Na na ɔka kyerɛ ne ba barima a ɔgyegye bosea a ɛwɔ amanfoɔ nkyɛn sɛ: Sɛ wokɔ ɔkafoɔ bi nkyɛn na sɛ ɔnni neɛ ɔde bɛtua ne ka a, ''fa firi no na bu w'ani gu so''; wɔ berɛ a worema kɔnkyin berɛ aberɛ a wommisa no. Anaa sɛ woregye neɛ ɔwɔ wɔ hɔ mpo sɛ ɛnso kroaa, na ɛno ne n'akoma so adeɛ ne n'awerɛhyɛmu sɛ Allah de ne bɔne bɛfiri no na Ɔde akyɛ no. Na berɛ a ɔwuuɛ no Allah de no bɔne firii no na Ɔ̀de kyɛɛ no.

فوائد الحديث

Sɛ wode papa redi nkitaho wɔ nnipa ntam, na wode wɔn bɔne akyɛ wɔn na wabu w'ani agu wɔn a wɔn ho akyere wɔn a (wɔde wo ka so) ka nneɛma akɛseɛ a ɛbɛma akoa bi adi nkonim atemmuada no.

Woreyɛ papa akyerɛ abɔdeɛ na wanya gyedie krɔgyenn wɔ Allah mu, na wanya awerɛhyɛmu wɔ n'ahummɔborɔ mu ka nneɛma ɛma Wɔde obi bɔne kyɛ no.