إعدادات العرض
Ampa sɛ, atɛntreneefoɔ no bɛka Nyankopɔn ho wɔ hann adwa so, wɔ Mmɔborɔhunufoɔ, Otumfoɔ no nifa so. Ne nsa mmienu no nyinaa yɛ nifa.
Ampa sɛ, atɛntreneefoɔ no bɛka Nyankopɔn ho wɔ hann adwa so, wɔ Mmɔborɔhunufoɔ, Otumfoɔ no nifa so. Ne nsa mmienu no nyinaa yɛ nifa.
YƐ nya feri ABDULLAHI BIN AMRI-Nyame peninee nka nu-wo ka se:KƆmwhenee-Asomdwe ne nhyira nka nu-ka se: Ampa sɛ, atɛntreneefoɔ no bɛka Nyankopɔn ho wɔ hann adwa so, wɔ Mmɔborɔhunufoɔ, Otumfoɔ no nifa so. Ne nsa mmienu no nyinaa yɛ nifa. Wɔn a wɔdi atɛntrenee wɔ wɔn atemmuo mu ne wɔn mmusua ne wɔn a wɔhyɛ wɔn tumi ase ntam no.
الترجمة
العربية বাংলা Bosanski English Español فارسی Français Bahasa Indonesia Русский Tagalog Türkçe اردو 中文 हिन्दी සිංහල Kurdî Português മലയാളം తెలుగు Kiswahili தமிழ் မြန်မာ Deutsch 日本語 پښتو Tiếng Việt অসমীয়া Shqip Svenska Čeština ગુજરાતી Yorùbá Nederlands ئۇيغۇرچە Hausa دری Fulfulde Magyar ಕನ್ನಡ Кыргызча Lietuvių or Română Kinyarwanda Српски O‘zbek Moore नेपाली тоҷикӣ Wolof Soomaali Български Українська Azərbaycan ქართული bm Македонски Ελληνικά ភាសាខ្មែរ አማርኛ Malagasy Oromooالشرح
Ɔkɔmhyɛni no, Nyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no, bɔ yɛn amanneɛ sɛ wɔn a wɔde atɛntrenee ne nokorɛ di hene wɔ nnipa a wɔdi wɔn so, ne wɔn ahennie mu, ne wɔn mmusua ntam no bɛtena adwa a ɛkorɔn, a ɛwɔ sorosoro a wɔde hann abɔ, sɛ anuonyam ama wɔn wɔ Owusɔreɛ Da no mu. Saa adwa yi wɔ Mmɔborɔhunufoɔ, Ɔsorosoroni no nifa so, na Ne nsa mmienu nyinaa, anuonyam nka No, yɛ nifa.فوائد الحديث
Atɛntrenee mu mfasoɔ ne ne nkuranhyɛ.
Atɛntrenee yɛ nea ɛfa biribiara ho na ɛfa aman ahodoɔ so die ne amammuo ahodoɔ nyinaa wɔ nnipa mu, ɛmpo atɛntrenee a ɛda ayerenom, mma, ne nneɛma afoforɔ ntam.
Ateneneefoɔ gyinabea ho asɛm wɔ Owusɔreɛ Da no.
Agyidifoɔ no gyinabea bɛyɛ soronko denam sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ wɔ Owusɔreɛ Da no.
Ɔkwan a wɔfa so hyɛ nkuran no yɛ akwan a wɔfa so frɛ dɔm kɔ Islam mu no mu baako a ɛhyɛ onipa a wɔrefrɛ no no nkuran sɛ ɔnyɛ setie.
التصنيفات
Praiseworthy Morals