《Mɛmmu papa biara animtia, mpo sɛ wo nua na worete w'anim akyea no kɛkɛ a》

《Mɛmmu papa biara animtia, mpo sɛ wo nua na worete w'anim akyea no kɛkɛ a》

Yɛnyaa hadisi yi firii Abu Dhar nkyɛn Allah nnye no ntom ɔkaa sɛ, ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no ka kyerɛɛ me sɛɛ: 《Mɛmmu papa biara animtia, mpo sɛ wo nua na worete w'anim akyea no kɛkɛ a》.

[صحيح] [رواه مسلم]

الشرح

Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rehyɛ yɛn nkuran wɔ papa yɔ ho, na mma ɔmmu no animtia mpo sɛ ɛsua a, na ɛmu bi ne sɛ worete w'anim berɛ worehyia obi, na ɛfata sɛ muslimini bɔ mmɔden wɔ ho, esiane sɛ ɛde ahotɔ ne anigyeɛ brɛ ne nua muslimini.

فوائد الحديث

Mfasoɔ a ɛwɔ adɔeɛ a ɛwɔ muslimifoɔ ntam, ne anwenwene ne animteɛ berɛ a worehyia obi.

Sɛneɛ Islam mmrasɛm no hyɛ ma na biribiara wɔ mu, na ɛde biribiara a ɛbɛsiesie muslimifoɔ ntam na aka wɔn abɔ mu baaɛ.

Nkuranhyɛ a ɛwɔ papayɔ mu mpo sɛ ɛsua a.

Ɔpɛ a ɔpɛ sɛ wode anigyeɛ brɛ muslimifoɔ, esiane sɛ ɛnam ɛno so de nkabom ba wɔn ntɛm.

التصنيفات

Praiseworthy Morals