Obibiara a ɔbɛyɛ ahemakye asɔre no hyɛ Allah bammɔ ase

Obibiara a ɔbɛyɛ ahemakye asɔre no hyɛ Allah bammɔ ase

Jundub bin Abdullah Al Qasriyyu Allah agye no atom ɔkaa sɛ: Allah somafoɔ Allah nhyira ne n’asomdwoeɛ nka no kaa sɛ: <>.:

[صحيح] [رواه مسلم]

الشرح

Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n’asomdwoeɛ nka no rebɔ yɛn amaneɛ sɛ deɛ ɔbɛyɛ ahemakye asɔre no hyɛ Allah bammɔ ne wɛn ase, Ɔbɛbɔ ne ho ban na Waboa no ama no adi nkonim. Afei, ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n’asomdwoeɛ nka no bɔɔ yɛn kɔkɔ faa sɛ yɛrebu saa apam yi so na yɛasɛe no, sɛ yɛbɛgyae ahemakye asɔre no yɛ, anaasɛ yɛbɛha na yɛateetee wɔn a wɔyɛ no. Efirisɛ obibiara a ɔbɛyɛ saa no abu saa apam yi so, na ɔfata saa kɔkɔbɔ a ɛmu yɛ den yi sɛ Allah bɛbu no atɛn wɔ ne mmratoɔ no ho, na obi a Allah bɛhwehwɛ sɛ ɔmmu akonta nkyerɛ no no, Ɔbɛsɔ ne mu, na afei Wato no atwene ogya dareɛ no mu wɔ berɛɛ n’anim butu hɔ.

فوائد الحديث

Nkyerɛkyerɛmu a ɛfa mfasoɔ a ɛwɔ ahemakye asɔreyɛ mu.

Kɔkɔbɔ a ɛmu yɛ den fa deɛ ɔha deɛ ɔyɛ ahemakye asɔre.

Allah Okokuroko akatua a Ɔde bɛma wɔn a wɔha ne nnɔnkɔfoɔ apapafoɔ no.

التصنيفات

Virtue of Prayer