Mesrɛ twe me ho kɔ Allah nkyɛn sɛ mɛnya hokani bi afiri mo mu, ɛfiri sɛ esipi sɛ Allah Okokuroko no afa me adamfoɔ dada, sɛneɛ Ɔfaa Ibrahim (Abraham) adamfoɔ no

Mesrɛ twe me ho kɔ Allah nkyɛn sɛ mɛnya hokani bi afiri mo mu, ɛfiri sɛ esipi sɛ Allah Okokuroko no afa me adamfoɔ dada, sɛneɛ Ɔfaa Ibrahim (Abraham) adamfoɔ no

Jundub - Allah nnye no ntom -kaa sɛ: Metee sɛ ɔkɔmhyɛni - Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no - Nnaanum ansa na ɔrebɛwu no, na ɔreka sɛ: << Mesrɛ twe me ho kɔ Allah nkyɛn sɛ mɛnya hokani bi afiri mo mu, ɛfiri sɛ esipi sɛ Allah Okokuroko no afa me adamfoɔ dada, sɛneɛ Ɔfaa Ibrahim (Abraham) adamfoɔ no, na sɛ mpo sɛ nka merefa adamfoɔ afiri me dɔm yi mu a, nka mɛfa Abubakar adamfoɔ. So! monim sɛ wɔn a wɔdii mo anim kan no na wɔfa wɔn akɔmhyɛfoɔ ne wɔn mu apapafoɔ nna so sɛ nyamesombea, daabi da! ma momfa amusie sɛ nyamesombea, esipi sɛ merebra mo firi saa ade no ho>>.

[Sahih/Authentic.] [Muslim]

الشرح

Ɔkɔmhyɛni -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no abɔ yɛn amaneɛ ɛfa ne gyinaberɛ ho wɔ Allah Okokuroko no nkyɛn, ɛne sɛ waduru n'adɔeɛ no mu gyinaberɛ a ɛkrɔn pa ara, te sɛneɛ Ibrahim (Abraham) -Allah asomdwoeɛ nka no- nyaaeɛ no, ne saa nti na ɔpoo sɛ ɔbɛnya adamfoɔ ɛwɔ Allah akyi no; ɛfiri sɛ Allah ho dɔ, ne No ntomtom ne Allah ho nimdeɛ ahyɛ n'akoma mu ma, enti kwan biara nni hɔ obiara a ɛnyɛ Allah. Ɛmpo sɛ nka ɔwɔ adamfoɔ wɔ abɔdeɛ mu a nka ɛbɛyɛ Abubakar -Allah nnye no ntom-. Ɛna afei ɔrebɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛntra hyeɛ wɔ yɛdɔ mu sɛneɛ Yudafoɔ ne Akristoɔ ayɛ wɔn akɔmhyɛfoɔ ne wɔn mu apapafoɔ nna so no, kɔpem sɛ wɔn adane wɔn anyame ahodoɔ a wɔsom wɔn wɔ Allah akyi, na wɔn asisi anyamedan ne nyamesombea wɔ wɔn nna so, na ɔkɔmhyɛni -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- abra ne dɔm sɛ wɔbɛyɛ neɛ wɔnom yɛɛeɛ no sɛsoɔ.

فوائد الحديث

Abubakar Suiddiq -Allah nye no ntom- suban pa, na ɔno ne osuani a ɔdi mu pa ara ne nipa ɔfata pa ara sɛ ɔdi Allah somafoɔ no -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- adeɛ wɔ ne wuo akyi.

Sɛ woresi nyamedan wɔ nna so ka nkuro a ediikan no akyiwadeɛ ho.

Bra a wabra sɛ wobɛfa obi nna so sɛ beaɛ a wosom Nyame, na wayɛ asɔre wɔ ho anaa sɛ no nkyɛn, na wɔasisi asɔdan anaa sɛ adum asisi so, kɔkɔbɔ sɛneɛ wonkɔ tɔ abosomsom mu ɛnam saa kwan yi so.

Kɔkɔbɔ sɛ yɛnnhaahan y'ani wɔ apapafoɔ gyinaberɛ mu esiane bosomsom a ɛde onipa kɔ mu nti.

Asiane a ɛwɔ deɛ Ɔkɔmhyɛni no, Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no, bɔɔ kɔkɔ wɔ ho, sɛdeɛ ɔsii so dua anadwo num ansa na ɔrewuo no.