“Akoa bi yɛɛ bɔne na ɔkaa sɛ: O Onyankopɔn, fa me bɔne kyɛ me

“Akoa bi yɛɛ bɔne na ɔkaa sɛ: O Onyankopɔn, fa me bɔne kyɛ me

Ye nya feri Abu Hurairata-Nyame peninee nka nu-wo kase: Ɔkɔmhyɛni no, Nyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no, kaeɛ, firii n’Awurade hɔ, Ade Nyinaa so Tumfoɔ na Anuonyam wɔ No, sɛ Ɔkaa sɛ: “Akoa bi yɛɛ bɔne na ɔkaa sɛ: O Onyankopɔn, fa me bɔne kyɛ me. Na Onyankopɔn, Nhyira ne No, Ɔsorosoroni no kaa sɛ: M’akoa yɛɛ bɔne na wahunu sɛ ɔwɔ Awurade a Ɔde bɔne kyɛ na Ɔtumi nso twe aso wɔ bɔne ho. Afei ɔyɛɛ bɔne bio na kaa sɛ: O Awurade, fa me bɔne kyɛ me. Na Onyankopɔn, Nhyira ne No, Ɔsorosoroni no kaa sɛ: M’akoa yɛɛ bɔne, na wahunu sɛ ɔwɔ Awurade a Ɔde bɔne kyɛ na Ɔtumi nso twe aso wɔ bɔne ho. Afei ɔyɛɛ bɔne bio na ɔkaa sɛ: ‘O Awurade, fa me bɔne kyɛ me.’ Na Nyankopɔn, Nhyira ne No, Ɔsorosoroni no kaa sɛ: ‘M’akoa yɛɛ bɔne, na ɔnim sɛ ɔwɔ Awurade bi a Ɔde bɔne kyɛ na Ɔtumi nso twe aso wɔ bɔne ho. Yɛ nea wopɛ biara, na Mede akyɛ wo.

[صحيح] [متفق عليه]

الشرح

KƆmwhenee-Asomdwe ne nhyira nka nu-gye feri na Awuradi SƐ ampa Akuwa se wo de bone bi ansaa na wo ka se:Nyankonpon Fa me bone kye me,Nyakonpon Kokroko ka se:M a akuwa nu ade bone na wo nyim se wo wo Wura wo de bone kye,na wo kata ne bone nu su,na wo de kye nu,anaa se wo be twe na su,Nti Me de akye wo. Afei akoa no yɛɛ bɔne bio na ɔkaa sɛ: O Awurade, fa me bɔne kyɛ me. Na Onyankopɔn kaa sɛ: M’akoa yɛɛ bɔne na wahunu sɛ ɔwɔ Awurade a Ɔde bɔne kyɛ, na Ɔkata so na Ɔbu N’ani gu so, anaa Ɔtwe aso wɔ ho. Mede akyɛ M’akoa. Afei akoa no yɛɛ bɔne bio na ɔkaa sɛ: O Awurade, fa me bɔne kyɛ me. Na Nyankopɔn kaa sɛ: M'akoa no yɛɛ bɔne na wahunu sɛ ɔwɔ Awurade bi a Ɔde bɔne kyɛ, na Ɔkata so na Ɔbu N'ani gu so, anaase Ɔtwe aso wɔ ho. Mede akyɛ M’akoa, enti ma ɔnyɛ nea ɔpɛ biara, abere biara a ɔbɛyɛ bɔne no, ɔgyae bɔne no, na ɔnu ne ho, na ɔsi gyinaeɛ sɛ ɔrensan nkɔ mu bio, nanso ne kra di no so nkonim na ɔhwe bɔne no mu bio. Berɛ biara a ɔbɛkɔ so ayɛ bɔne na wasakra no, Mede bɛkyɛ no, efiri sɛ adwensakra pepa nea ɛdii n’anim kan no.

فوائد الحديث

Nyame ahomobƆro nu Tere ewu ninkuwa nu su se wo mu ye bone kuraa,na se wo de bone na se wo sain ko neho nya nuhu Nyame be gye na Nuhu nu ama nu.

Gyedi nee de Nyame Kokroko wo hwehwe na Awuradi nu bonefakye,na wo suro na asotwe,nti wo ko ntam ako nya Nuhu,nti daabi wo toa so ko de bone nu biyom.

Nuhu nu FapƐm nu eye papa:twe wo ho feri bƆne,ne Nuhu ewu dea edi kan,ne kenchi se daabi wo sain ko de bone biyom,na seNuhu nu eye nkuwa esisi ewu sika bi anaa nipa yu bi anaa kra bi su,na fapem Enan nu eka ho se:wo bisa bonefakye feri nokware wura nu ho,anaa se wo de na adea be ma nu.

Mfasou ne dibew efa Nyimdiye ewu Nyame hƆ ebe ma akuwa nu be nya Nyimdiye ewu na aSom nu nkyerekyere nu su na wo sain ako nya Nuhu mere biara wo be ye Mfomsou,Nti daabi ma won paa aba saa su ma wo toasu ko de bone nu biyom.

التصنيفات

Merits of Remembering Allah