إعدادات العرض
Nsɛmfua mmienu a ɛyɛ mmerɛ wɔ kɛtrɛma so, ɛmu yɛ duru wɔ nsania so, na Ahummɔborɔ hene (Allah) no ani gye ho
Nsɛmfua mmienu a ɛyɛ mmerɛ wɔ kɛtrɛma so, ɛmu yɛ duru wɔ nsania so, na Ahummɔborɔ hene (Allah) no ani gye ho
Yɛnyaa Hadisi yi firii Abu Hurayrah nkyɛn, Allah nnye no ntom, sɛ ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa sɛ: << Nsɛmfua mmienu a ɛyɛ mmerɛ wɔ kɛtrɛma so, ɛmu yɛ duru wɔ nsania so, na Ahummɔborɔ hene (Allah) no ani gye ho: (Subhanallahil azeem, Subhanallahi wa bihamdihii) (Ahoteɛ wɔ Allah Okokuroko, Ahoteɛ ne aseda wɔ Allah)>>.
[صحيح] [متفق عليه]
الترجمة
العربية বাংলা Bosanski English Español فارسی Français Bahasa Indonesia Русский Tagalog Türkçe اردو 中文 हिन्दी ئۇيغۇرچە Kurdî Hausa Português മലയാളം తెలుగు Kiswahili မြန်မာ ไทย Deutsch 日本語 پښتو Tiếng Việt অসমীয়া Shqip Svenska Čeština ગુજરાતી Yorùbá Nederlands සිංහල தமிழ் دری Fulfulde Magyar ಕನ್ನಡ Кыргызча Lietuvių or Română Kinyarwanda Српски O‘zbek Moore नेपाली Wolof Soomaali Български Українська Azərbaycan ქართული тоҷикӣ Македонски Bambara Ελληνικά ភាសាខ្មែរ አማርኛ Malagasy Oromoo मराठी ਪੰਜਾਬੀ Lingala Italianoالشرح
Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rebɔ yɛn amaneɛ ɛfa nsɛmfua mmienu bi a onipa bɛka a ɔmmrɛ na ɔbɛtumi aka no tebea biara mu, na wɔn nhyira yɛ kɛseɛ wɔ nsania so, na yɛ Wura, Ahummɔborɔ hene Okokuroko no ani gye wɔn ho: Subhanallahil azeem, subhanallahi wa bihamdihi; sɛneɛ aka Allah su a ɛkyerɛ sɛ Ɔyɛ Kokuroko na Ɔwie pɛyɔ no, na ɛte No ho firi sintɔ biara ho, nhyira ne kɛseyɔ wɔ No.فوائد الحديث
Ntomtom a ɛsom bo ne sɛ wobɛka Allah ahoteɛ ne No ntomtom abɔ mu.
Nkyerɛmu a ɛkyerɛ sɛneɛ Allah ahummɔborɔ si trɛ wɔ Ne nkoa so, na Ɔde akatua kɛseɛ na tua dwumadi ketewa bi so ka.
التصنيفات
Timeless Dhikr