إعدادات العرض
Muslimini kyɛfa wɔ no yɔnko Muslimini so yɛ enum: sɛ ɔbɛgye no so sɛ ɔkyea no a (salaam), na ɔbɛkɔ akɔsra no sɛ ɔyare a, na ɔbɛdi n'akyi ama wɔayɛ owufoɔ som ama no, na ɔbɛgye no frɛ so (sɛ ɔto ne nsa frɛ no dwumadie bi ase a), na ɔbɛgye no so sɛ ɔnwansi a
Muslimini kyɛfa wɔ no yɔnko Muslimini so yɛ enum: sɛ ɔbɛgye no so sɛ ɔkyea no a (salaam), na ɔbɛkɔ akɔsra no sɛ ɔyare a, na ɔbɛdi n'akyi ama wɔayɛ owufoɔ som ama no, na ɔbɛgye no frɛ so (sɛ ɔto ne nsa frɛ no dwumadie bi ase a), na ɔbɛgye no so sɛ ɔnwansi a
Abu Hurayrah Allah nnye no ntom kaa sɛ: metee sɛ Allah somafoɔ no -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- reka sɛ: <
[صحيح] [متفق عليه]
الترجمة
العربية বাংলা Bosanski English Español فارسی Bahasa Indonesia Русский Tagalog Türkçe اردو 中文 हिन्दी Français ئۇيغۇرچە Kurdî Hausa Português മലയാളം తెలుగు Kiswahili မြန်မာ Deutsch 日本語 پښتو Tiếng Việt অসমীয়া Shqip Svenska Čeština ગુજરાતી Yorùbá Nederlands සිංහල தமிழ் دری Български Fulfulde Magyar ಕನ್ನಡ Кыргызча Lietuvių or Română Kinyarwanda тоҷикӣ O‘zbek नेपाली Moore Azərbaycan Wolof Oromoo Soomaali Українська ភាសាខ្មែរ Bambara rn ქართული Македонски Српски Ελληνικά አማርኛ Malagasy ไทย da मराठी ਪੰਜਾਬੀ Lingala Italianoالشرح
Ɔkɔmhyɛni -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- reda kyɛfa a Muslimini wɔ wɔ onua Muslimini so adi akyerɛ yɛn, Kyɛfa a edikan ne sɛ wobɛgye neɛ wato wo (salaam) so. Kyɛfa a ɛtɔ so mmienu: wore kɔsra ɔyarefoɔ. Kyɛfa a ɛtɔ so mmiɛnsa: woredi owufoɔ akyi afiri no fie akɔ beaɛ a wɔreyɛ owufoɔ asɔre agu no so, akɔ amusieɛ kɔpem sɛ wɔbɛ sie no. Kyɛfa a ɛtɔ so ɛnan: sɛ wobɛgye no so sɛ ɔfrɛ wo ayeforɔ nhyiamu bi ase ne neɛ ɛkeka ho a. Kyɛfa a ɛtɔ so ɛnum: wobɛbɔ mpaeɛ ama no sɛ ɔnwansi a, na ɛne sɛ; sɛ ɔda Allah ase a wobɛka akyerɛ no sɛ; ''yarhamka llah'', (Allah nhu wo mmɔbɔ), na afei neɛ ɔnwansiiɛ no aka sɛ, ''yahdiikumu llahu wa yuslih baalakum'', (Allah ntene mo na Ɔnyɛ mo mmɔdemmɔ papa mma mo.)فوائد الحديث
Islamsom kɛseɛ no ara gyina sɛ worehyɛ kyɛfa a ɛwɔ wo ne Muslimifoɔ ntam kena na wobɛhyɛ onuadɔ a ɛwɔ mo ntam den.