إعدادات العرض
O abarimaa, merekyerɛkyerɛ wo nsɛm bi: Ma w’adwene nkɔ Nyankopɔn so na Ɔbɛma N’adwene aba wo so. Ma w’adwene nkɔ Nyankopɔn so na wobɛhunu No wɔ w’anim.Sɛ worebisa a, bisa Nyankopɔn
O abarimaa, merekyerɛkyerɛ wo nsɛm bi: Ma w’adwene nkɔ Nyankopɔn so na Ɔbɛma N’adwene aba wo so. Ma w’adwene nkɔ Nyankopɔn so na wobɛhunu No wɔ w’anim.Sɛ worebisa a, bisa Nyankopɔn
Eferi IBNU ABBAS Nyame penenee enka nu- kase: Da bi,Na mewɔ Nyame Somafoɔ no akyi, Nyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no, na ɔkaa sɛ: “ O abarimaa, merekyerɛkyerɛ wo nsɛm bi: Ma w’adwene nkɔ Nyankopɔn so na Ɔbɛma N’adwene aba wo so. Ma w’adwene nkɔ Nyankopɔn so na wobɛhunu No wɔ w’anim.Sɛ worebisa a, bisa Nyankopɔn, na sɛ worehwehwɛ mmoa a, hwehwɛ mmoa firi Nyankopɔn hɔ. Hunu sɛ, sɛ ɔmanfoɔ no nyinaa bɛhyia mu sɛ wɔreyɛ biribi aboa wo a, wɔrentumi nyɛ biribiara mmoa wo gye sɛ adeɛ a Nyankopɔn atwerɛ ama mo dada, na sɛ wɔrehyia mu sɛ wɔreyɛ biribi aha wo a, wɔrentumi nyɛ hwee ntia wo gye sɛ adeɛ a Nyankopɔn atwerɛ ama wo, Yɛapagya atwerɛdua no na nkrataa no nso aho.
الترجمة
العربية বাংলা Bosanski English Español Français Bahasa Indonesia Русский Türkçe اردو 中文 हिन्दी ئۇيغۇرچە Kurdî Hausa Português മലയാളം తెలుగు Kiswahili فارسی தமிழ் မြန်မာ Deutsch 日本語 پښتو Tiếng Việt অসমীয়া Shqip Svenska Čeština ગુજરાતી አማርኛ Yorùbá Nederlands සිංහල ไทย دری Fulfulde Magyar Italiano ಕನ್ನಡ Кыргызча Lietuvių or Română Kinyarwanda Српски O‘zbek Moore नेपाली Malagasy тоҷикӣ Oromoo Wolof Soomaali Български Українська Azərbaycan Tagalog ქართული bm Македонски Ελληνικά kmالشرح
Ibn Abbas, Nyankopɔn ani nnye ne ho, kaa sɛ, na ɔyɛ abarimaa kumaa bi a ɔne Ɔkɔmhyɛni no te pɔnkɔ so, Nyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no, Na Onyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no, ka kyerɛɛ no sɛ: Mɛkyerɛkyerɛ wo nsɛm ne nneɛma a Onyankopɔn bɛboa wo wɔ ho: Ma w'adwene nkɔ Onyankopɔn so denam N’ahyɛdeɛ a wobɛdi so na woakwati deɛ Wabara ho, sɛnea ɛbɛyɛ a Ɔbɛhu wo wɔ setie ne ahofama mu, na ɛnyɛ bɔne ne mmaratoɔ mu. Sɛ woyɛ saa a, w’akatua bɛyɛ sɛ Onyankopɔn bɛbɔ wo ho ban afiri wiase yi ne daankwamma amanehunu ho, na Ɔbɛboa wowɔ wo mmɔdemmɔ ho wɔ baabiara a wobɛkɔ biara. Sɛ wopɛ sɛ wobisa biribi a, mmisa obiara gye sɛ Onyankopɔn nko ara, ɛfiri sɛ Ɔno nko ara na Ɔbua wɔn a wɔbisa no. Sɛ wopɛ mmoa a, nhwehwɛ mmoa mfiri obiara hɔ gye Onyankopɔn. Na hunu sɛ worennya mfasoɔ biara mpo sɛ asaase so nnipa nyinaa boaboaa wɔn ho ano sɛ wɔbɛboa wo a, gye deɛ Onyankopɔn atwerɛ ama wo, na sɛ asaase so nnipa nyinaa boaboaa wɔn ho ano sɛ wɔrebɛha wo mpo a, wɔretumi nha wo, gye sɛ deɛ Onyankopɔn ahyehyɛ ama wo. Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn na Ɔtwerɛɛ saa asɛm yi na Ɔhyɛeɛ sɛnea Ne nyansa ne Ne nimdeɛ hwehwɛ teɛ, na nsesaeɛ biara nni nea Onyankopɔn atwerɛ no mu.فوائد الحديث
Mfasou ne dibew a ewu Nkudaa adesua nu su ewu Nyame koro nsem nu su ne subain papa ne nea eka ho.
Akɛtua ɛfiri honam dwumadie.
Nshie SƐ YƐ timtim Nyame su,na ye de yeho Twere nu,na ye gyae Obiara,na wo yƐ nea ye Twere neho papa kamakama.
Gyedie de ma Nyame mmera ne ni nshieshieye ne pƐni nee,na ampa Nyame ewu tumi ewu biribiara su.
Dea wo be gyae Nyame nhyƐ nu na ampa Nyame su be gyae ne bambƆ ewu nesu.
التصنيفات
Levels of Divine Decree and Fate