إعدادات العرض
Mpaebɔ, ɛno ne nyamesom
Mpaebɔ, ɛno ne nyamesom
Yɛnyaa Hadisi yi firii Anu'man bin Bashir nkyɛn Allah nnye no ntom ɔkaa sɛ: metee sɛ ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no reka sɛ: <
[صحيح] [رواه أبو داود والترمذي وابن ماجه وأحمد]
الترجمة
العربية తెలుగు हिन्दी Kurdî English Kiswahili Français فارسی தமிழ் සිංහල မြန်မာ Русский ไทย Deutsch 日本語 پښتو Tiếng Việt অসমীয়া Shqip Svenska Čeština ગુજરાતી Yorùbá Nederlands اردو Bahasa Indonesia ئۇيغۇرچە বাংলা Bosanski Hausa മലയാളം دری Fulfulde Magyar ಕನ್ನಡ Кыргызча Lietuvių or Română Kinyarwanda Српски O‘zbek Moore नेपाली Wolof Български Українська Português Tagalog Azərbaycan ქართული тоҷикӣ Македонски Bambara 中文 Ελληνικά ភាសាខ្មែរ አማርኛ Malagasy Oromoo मराठी ਪੰਜਾਬੀ Türkçe Lingala Italiano Españolالشرح
Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rebɔ yɛn amaneɛ sɛ, esipi sɛ mpaebɔ; ɛno ne nyamesom, nti ɛsɛsɛ mpaebɔ nyina ara yɛ Allah nti, sɛ ɛyɛ abisa anaa adesrɛ mpaeɛ o, sɛ ɔbɛsrɛ Allah Okokuroko mfasodeɛ bi, ne ahobammɔ firi neɛ ɛha no wɔ wiase ne atemmuada no, anaasɛ ɛyɛ nyamesom mpaeɛ, na ɛno ne ade biara a Allah pɛ na n'ani gye ho sɛ ɛyɛ kasa anaa dwumadie, neɛ apue ne neɛ asuma, akoma mu, honamdua mu anaa sika mu nyamesom. Ansa na ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa nyinasosɛm a ɛfa ho, Allah kaa sɛ: {Momfrɛ me na mɛgye mo so, esipi sɛ wɔn a akɛsesɛm wɔ wɔn mu sɛ ɔbɛsom Me no bɛwura ogya dareɛ no mu wɔ animguaseɛ mu}.فوائد الحديث
Mpaebɔ yɛ ade titiriw wɔ nyamesom mu nti mfata sɛ wode bɛsusu obiara gye Allah.
Mpaebɔ ka som pa ara ne Allah Okokuroko mu gyedie sɛ Ɔno na Wanya ne ho na Ɔwɔ tumi bɔ mu, ne sɛneɛ akoa dan noɔ.
Kɔkɔbɔ a ano ɛyɛ den sɛ akatua a ɛwɔ hɔ ma neɛ ɔbɛ yɛ akɛsesɛm sɛ ɔbɛsom No na ɔbɛgyae No frɛ, na wɔn a wɔyɛ akɛsesɛm sɛ wɔbɛfrɛ Allah no bɛwura ogya dareɛ no mu wɔ animguaseɛ ne animtia mu.
التصنيفات
Merits of Supplication