إعدادات العرض
Esipi sɛ nkankyeɛ, bansere ne woreyɛ obi aduro ama wadɔ wo (bɛdiankɔ) yɛ abosomsɛm
Esipi sɛ nkankyeɛ, bansere ne woreyɛ obi aduro ama wadɔ wo (bɛdiankɔ) yɛ abosomsɛm
Yɛnyaa hadisi yi firii Abdullah bin Mas'ud nkyɛn, Allah nnye no ntom ɔkaa sɛ, metee sɛ Allah somafoɔ; Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no reka sɛ: <
الترجمة
العربية বাংলা Bosanski English Español فارسی Bahasa Indonesia Tagalog Türkçe اردو 中文 हिन्दी Français Kurdî Português മലയാളം తెలుగు Kiswahili தமிழ் සිංහල မြန်မာ Русский Deutsch 日本語 پښتو Tiếng Việt অসমীয়া Shqip Svenska Čeština ગુજરાતી Yorùbá Nederlands ئۇيغۇرچە Hausa دری Fulfulde Magyar ಕನ್ನಡ Кыргызча Lietuvių or Română Kinyarwanda Српски O‘zbek Moore नेपाली тоҷикӣ Wolof Soomaali Български Українська Azərbaycan ქართული Bambara Македонски Ελληνικά ភាសាខ្មែរ አማርኛ Malagasy Oromoo ไทย मराठी ਪੰਜਾਬੀ Lingala Italianoالشرح
Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rekyerɛ nneɛma bi a ne yɛ yɛ abosomsɛm mu akyerɛ yɛn, na ɛmu bi ne: Neɛ edi kan: Arruqaa (Nkankyeɛ): ɛyɛ nsɛmfua a bi na wɔka no abagyimi berɛ no de hwehwɛ ayaresa a abosomsɛm bi wɔ mu. Neɛ ɛtɔ so mmienu: Attamaa-im (Bansere): neɛ wɔde tɔma ne neɛ ɛkeka ho ayɛ a wɔde san mmɔfra ne mmoa ne neɛ ɛkeka ho ho sɛ ɛbɛbɔ wɔn ho ban afiri ani bɔne ho. Neɛ ɛtɔ so mmiɛnsa: Attiwala (bɛdiankɔ) a wɔyɛ sɛ ɔbɛma obi adɔ obi. Saa nneyɛɛ yinom ka abosomsom, ɛfiri sɛ wɔ mu no woreyɛ biribi nnyinasoɔ, na ɛno nso a ɛnni nnyinasosɛm pɔtee bi a mmrasɛm no si so dua, anaa anisoɔ nnyinasosɛm bi a nsɔhwɛ asi so dua. Na mmom mmrasɛm nyinasosɛm bi te sɛ Kur'ani akenkan anaasɛ anisoɔ nnyinasosɛm te sɛ ayaresa a ɔnam nsɔhwɛ so asi so dua no, wɔma ho kwan sɛ wogye di sɛ ɛyɛ nnyinasosɛm, na mfasoɔ ne ɔhaw hyɛ Allah nsam.فوائد الحديث
Worekora gyedie ne nyamekoro som no afiri ade biara a ɛbɛma wapene so atoto n'ase ho.
Bra a wabra nkankyeɛ a ɛyɛ abosomsom, bansere ne woreyɛ obi aduro sɛneɛ ɔbɛdɔ wo.
Sɛ onipa bɛnya gyedie wɔ ade mmiɛnsa yi mu sɛ ɛwɔ nnyinasosɛm no yɛ abosomsɛm ketewa, ɛfiri sɛ wama adeɛ a ɛnni nnyinasosɛm nnyinasoɔ, na mmom sɛ ɔnya gyedie sɛ ɛtumi ma mfasoɔ ne ɔhaw bi a, ɛno yɛ abosomsom kɛseɛ.
Kɔkɔbɔ ɛfa obibiara a ɔbɛfa abosomsɛm akwan ne nneɛma a wabra no so.
Bra a wabra nkankyeɛ ɔde pɛ ayaresa agye neɛ Islam mmrasɛm no ma ho kwan.
Ɛfata sɛ wode w'akoma bata Allah nko ara ho, ɛfiri sɛ Ɔno nko ara nkyɛn na ɔhaw ne mfasoɔ wɔ, ɛno nti papa biara mma agye No nkyɛn, na obi nsi ɔhaw bi ano kwan agye Allah Okokuroko no.
Nkankyeɛ a ɔdepɛ ayaresa a ɔpene so no gyina nneɛma mmiɛnsa yi so: 1. Sɛ wobɛgye adi sɛ ɛyɛ nnyinasoɔ kɛkɛ na ɛmmoa agye Allah pene so. 2. Ɛsɛsɛ ɛyɛ Kur'ani mu nsɛm anaa Allah din ne abodin ahodoɔ no bi, anaa akɔmhyɛfoɔ mpaeɛ ne mpaeɛ a ɛfiri Islam mmrasɛm no mu. 3. Ɛsɛsɛ ɛyɛ kasa a nteaseɛ wɔ mu na mmom ɛnyɛ nkonyaayisɛm ne abyisɛm biara.