Ɛnyɛ ɔhoɔdenfoɔ ne deɛ ɔboro ne yɔnko wɔ ntɔkwa mu na mmom ɔhoɔdenfoɔ ne deɛ ɔtumi hyɛ ne ho so wɔ abufuo berɛ mu

Ɛnyɛ ɔhoɔdenfoɔ ne deɛ ɔboro ne yɔnko wɔ ntɔkwa mu na mmom ɔhoɔdenfoɔ ne deɛ ɔtumi hyɛ ne ho so wɔ abufuo berɛ mu

Yɛnyaa Hadisi yi firii Abu Hurayrah nkyɛn, Allah nnye no ntom, sɛ Allah somafoɔ, Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa sɛ: << Ɛnyɛ ɔhoɔdenfoɔ ne deɛ ɔboro ne yɔnko wɔ ntɔkwa mu na mmom ɔhoɔdenfoɔ ne deɛ ɔtumi hyɛ ne ho so wɔ abufuo berɛ mu>>.

[صحيح] [متفق عليه]

الشرح

Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rekyerɛ yɛn mu sɛ, esipi sɛ ahoɔden ankasa nyɛ honam mu ahoɔden, anaasɛ deɛ ɔne n'afɛfoɔ ahoɔdenfoɔ di aperepereɛ, na mmom ɔhoɔdenfoɔ ne deɛ wako atia ne kra na wabrɛ no ase wɔ berɛ a abufuo ahyɛ no so, ɛfiri sɛ wei kyerɛ ahohyɛsoɔ a ɛmu yɛ den wɔ ne kra so ɛne nkonim a wadi wɔ ɔbonsam so.

فوائد الحديث

Suban pa ho mfaso ne sɛ worehyɛ wo ho so berɛ a wo bo afu, na ɛsipi sɛ nneyɛɛ pa a Islamsom hyɛ yɛn ho nkuran.

Worehyɛ wo ho so abufuo berɛ mu ɛyɛ den sene sɛ woreko atia atamfo.

Nsakraeɛ a Islamsom de aba fa abagyimi berɛ nteaseɛ a wɔwɔ fa ahoɔden ho ɛkɔ suban pa ho, na deɛ ne ho yɛ den pa ara ne deɛ wahyɛ ne ho so.

Woretwe wo ho afiri abufuo ho, esiane ɔhaw a ɛde brɛ ankorɛankorɛ ne asafo nyina ara.

التصنيفات

Praiseworthy Morals