Neɛ ɔpɛ sɛ n’ahonya dɔɔso na ne nkwa ware (wɔ asaase yi so no) ntoa twaka a ɛda n’abusua so

Neɛ ɔpɛ sɛ n’ahonya dɔɔso na ne nkwa ware (wɔ asaase yi so no) ntoa twaka a ɛda n’abusua so

<< Neɛ ɔpɛ sɛ n’ahonya dɔɔso na ne nkwa ware (wɔ asaase yi so no) ntoa twaka a ɛda n’abusua so>>.

[صحيح] [متفق عليه]

الشرح

Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n’asomdwoeɛ nka no rehyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa nsrahwɛ, obuo, ɛmoa wɔ honam ne sika afa mu, ne neɛ ɛkeka ho nkura twaka a ɛda abusua ntam, na ɛyɛ nyinasoɔ a ɛma obi ahonya mu trɛ na ɛma no nkwa tenten.

فوائد الحديث

Abusuafoɔ yɛ wɔn a wo ne wɔbɔ abusua wɔ agya ne maame afa mu, na wɔn a wɔbɛn paa no na wɔfata sɛ wosiesie twaka a ɛwɔ mo ntam no yie.

Dwumadie biara ne ɛso akatua, nti neɛ ɔnam papayɔ ne adɔeɛ so siesie n’abusua mu no, Allah toa ne mfie ne n’ahonya so.

Woresiesie twaka a ɛwɔ abusua ntam yɛ nyinasoɔ a ɛbue na ɛtrɛ w’ahonya mu, ne nyinasoɔ a ɛma wo nkwa tenten, mmom sɛ wo mfeɛ ne w’ahonya yɛ adeɛ a wasusu dada nanso ɛbɛyɛ nhyira wɔ w’ahonya ne wo mfeɛ mu, na aboa wo ama wayɛ nneɛma pii na amanfoɔ adi wo so mfasoɔ, na ebinom nso ka sɛ, sɛ Ɔreto w’ahonya ne wo mfeɛ mu no yɛ ntomu ankasa. Na Allah na Ɔnim.

التصنيفات

Merits of Good Deeds