<>

Abu Hurayrah Allah nnye no ntom kaa sɛ Allah somafoɔ -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- na ɔka sɛ: <>.

[Sahih/Authentic.] [Muslim]

الشرح

Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- rebɔ yɛn amaneɛ sɛ: mprenum asɔre a ɛyɛ nhyɛ wɔ adekyeɛ ne adesaeɛ mu no, ne Efiada nhyiamu asɔre wɔ nnawɔtwe biara mu no, ne Ramadan bosome no mu akɔmkyene wɔ afe biara mu no, pata bɔne nketewa a obi ayɛ wɔ mu sɛ ɛkɔ ba sɛ ɔtwe ne ho afiri bɔne akɛseɛ no ho nka ara deɛ a, Na mmom bɔne akɛseɛ bi te sɛ adwamammɔ, ne nsa nom deɛ ɛmpata agye nsakraeɛ.

فوائد الحديث

Bɔne wɔ hɔ yi kɛseɛ wɔ mu na ketewa wɔ mu.

Sɛ wɔde bɔne nketewa bɛfiri obi no gyina sɛneɛ ɔtwe ne ho firi bɔne akɛseɛ no ho.

Bɔne akɛseɛ: Woinom ne bɔne a asotwe bata ho wɔ asaase yi so ha, anaa sɛ wɔbɔ kɔkɔ afa ho sɛ mpɔnsee ne abufuhyew bata ho atemmuada no, anaa sɛ mmusuo ne nnome wɔ neɛ ɔreyɛ so, te sɛ adwammammɔ ne nsanom.