Obibiara a ɔbɛkɔ hajj na wamfa ne ho anhyɛ rafath(ɔbaa ne barima nhyiamu anaa kasa fii) mu anaa wanyɛ bɔne no, ɔbɛsan te sɛ ɛda a ne maame woo no

Obibiara a ɔbɛkɔ hajj na wamfa ne ho anhyɛ rafath(ɔbaa ne barima nhyiamu anaa kasa fii) mu anaa wanyɛ bɔne no, ɔbɛsan te sɛ ɛda a ne maame woo no

Osuani Abu Huraira, Nyankopɔn ani nnye ne ho kaa sɛ:"metee sɛ ɔkɔmhyɛni reka sɛ": "Obibiara a ɔbɛkɔ hajj na wamfa ne ho anhyɛ rafath(ɔbaa ne barima nhyiamu anaa kasa fii) mu anaa wanyɛ bɔne no, ɔbɛsan te sɛ ɛda a ne maame woo no".

[صحيح] [متفق عليه]

الشرح

Ɔkɔmhyɛni kyerɛɛ sɛ obi a ɔbɛkɔ hajj na wamfa ne ho anhyɛ ɔbaa ne barima nhyiamu mu anaa kasa fii mu anaa wanyɛ bɔne no, ɔbɛba fie na ne ho nni bɔne biara. Bɔne no bi ne sɛ wobɛyɛ nneɛma a yɛabra wo wɔ ho no wɔ berɛ a wowɔ ihram(Hajj afadeɛ no) mu. Sɛ wamfa ne ho anhyɛ saa nneɛma yi mu a, ɔba fie firi hajj hɔ wɔ berɛ a yɛde ne bɔne akyɛ no, sɛdeɛ abɔfra mono ho nni bɔne biara no.

فوائد الحديث

Ɛmmom yɛbra bɔne wɔ berɛ biara mu, na ne bra mu yɛ ketee wɔ hajj berɛ mu ɛnam hajj ho amammerɛ no nti.

Nipa biara ho nni mfomsoɔ ne bɔne biara wɔ berɛ a wɔwoo no no; na ɔnsoa afoforɔ bɔne nso mma wɔn.

التصنيفات

Virtue of Hajj and Umrah