<>

Abdullah bin Amr Allah nnye wɔn ntom kaa sɛ, Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no kaa sɛ: <>.

[Sahih/Authentic.] [Al-Bukhari]

الشرح

Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rehyɛ yɛn sɛ yɛmmɔ nimdeɛ a ɛfiri ne nkyɛn no ho dawuro mfiri Kur'ani anaa n'ano asɛm mu, sɛ mpo ɛyɛ ade ketewa bi te sɛ yikyerɛ bi a ɛwɔ Kur'ani anaa hadiisi mu mpo a, ɛnkɔ ba sɛ oniakorɔ no wɔ nimdeɛ fa neɛ ɔrebɔ ho dawuro na ɔrefrɛ afoforɔ akɔ so no. Ɛna afei ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka kyerɛɛ mu sɛ bɔne biara nni ho sɛ wɔbɛka atetesɛm a ɛfa Israel asefoɔ nom ho ɛfa neɛ ɛtotoo wɔnom no ho; ɛyɛ neɛ ɛne yɛn mmrasɛm no mmɔ abira no. Ɛna afei wɔbɔɔ kɔkɔ fa neɛ ɔbɛtwa nkotompo ato ne so, sɛ esipi sɛ neɛ ɔbɛhyɛ da atwa nkontompo ato no so no, ɛneɛ na ɔnnye fie mma ne ho wɔ ogya dareɛ no mu.

فوائد الحديث

Nkuranhyɛ a ɛwɔ mu sɛ wobɛbɔ Allah mmrasɛm no ho dawuro, na ɛyɛ ɔhyɛ wɔ onipa so sɛ ɔde deɛ ɔde agu ne tiri mu na wate aseɛ di dwuma sɛ mpo ɛyɛ ketewa bi a.

Hia a ɛho hia sɛ wɔhwehwɛ mmrasɛm ho nimdeɛ; sɛ neɛ ɔbetumi asom Allah yie na wabɔ mmrasɛm no ho dawuro wɔ nokware kwan so.

Hia ɛho hia sɛ ɔbɛsi hadiisi biara so dua sɛ ɛyɛ nokware ansa na wabɔ ho dawuro anaa sɛ wakyekyɛ, sɛ neɛ wonkɔ ka saa kɔkɔbɔ a ɛmu ɛyɛ den yi ho.

Worehyɛ nkuran sɛ afoforɔ nni nokware wɔ wɔn asɛnka mu na wɔnyɛ ahwɛyie wɔ wɔn kasa mu, sɛ neɛ wɔnkɔ tɔ nkontompo mu, ne titiriw ɛwɔ Allah Okokuroko no mmrasɛm mu.