Mma momfa mo afie nyɛ nna so,saa ara nso na momfa me nna so no nyɛ afahyɛ na mommɔ mpaeɛ mma me efiri sɛ mo mpaeɛ no bɛduru me hɔ baabi a mowɔ biara

Mma momfa mo afie nyɛ nna so,saa ara nso na momfa me nna so no nyɛ afahyɛ na mommɔ mpaeɛ mma me efiri sɛ mo mpaeɛ no bɛduru me hɔ baabi a mowɔ biara

Abii Huraira Onyame penie nka no aka sɛ: ɔkɔmhyɛni Mohammɛd Onyame nhyira ne asomdwoe nka no kaa sɛ: "Mma momfa mo afie nyɛ nna so,saa ara nso na momfa me nna so no nyɛ afahyɛ na mommɔ mpaeɛ mma me efiri sɛ mo mpaeɛ no bɛduru me hɔ baabi a mowɔ biara".

[Sahih/Authentic.] [Abu Dawood]

الشرح

Kɔmhyɛni-Nyame nhyira ne asomdwoe nka no-Bra yɛn sɛ yɛbɛgyae Asɔreyɛ wɔ yɛn afie no mu na akɔ yɛ tesɛ Asieyɛ a yɛnyɛ asɔre wɔ hɔ no. Na wabra yɛn sɛ yɛbɛsra ne nna no berɛ biara na yɛabɛ boa boa yɛn ano wɔ hɔ,ɛfiri sɛ saa no de yɛn bɛkɔ Bosom som mu. Na wahyɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpaeɛ na yɛnserɛ asomdwoe mma no wɔ bea biara ɛwɔ asaasi no so,efiri sɛ saa no bɛduru ne hɔ, sɛ ɛbɛn anaasɛ ɛwa,ɛnhia sɛ yɛbɛkɔ ne nna no so abere biara.

فوائد الحديث

Wabra yɛn sɛ yɛbɛgyae asɔreyɛ wɔ yɛn afie no mu.

Yɛbra yɛn sɛ yɛbɛkɔ akɔ sra Kɔmhyɛni nna so-nhyira ne asomdwoe nka no-ɛfiri sɛ wahyɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpaeɛ mma no,na wabɔ yɛn amanneɛ sɛ ɛbɛduru ne hɔ,nanso yɛtumi tu kwan kɔ asɔredan mu nko ara a na yɛyɛ asɔre bɔ mpaeɛ wɔ hɔ.

Wɔabra sɛ wɔbɛyɛ Ɔkɔmhyɛni no nna so nsrahwɛ, Nyankopɔn nhyira no na ɔmma no asomdwoeɛ, dapɔnna, denam ne nsrahwɛ a wɔbɛsan ayɛ wɔ ɔkwan pɔtee bi so wɔ berɛ pɔtee bi mu, na saa ara nso na nna biara so nsrahwɛ.

Ɔkɔmhyɛni no, Nyankopɔn nhyira no na ɔmma no asomdwoeɛ dibrɛ wɔ n’Awurade hɔ,na Wama kwan sɛ yɛsrɛ nhyira ne asomdwoeɛ mma no berɛ ne beaeɛ biara.

Efiri sɛ Nyame frɛ wɔ nna bea no yɛ adeɛ a SAHAABA foɔ no nnim saa,nti Kɔmhyɛni-Nyame nhyira ne asomdwoe nka no-Bra sɛ wofa fie no tesɛ Asieyɛ a yɛnyɛ Nyamefrɛ wɔ hɔ.