<<ɛnyɛ obia ɔde nkabom ba abusua mu ne neɛ ɔyɛ bi tua ka, na mmom neɛ ɔde nkabom ba ne neɛ ɔka abusua no bom sɛ ntetemu bi ba a>>

<<ɛnyɛ obia ɔde nkabom ba abusua mu ne neɛ ɔyɛ bi tua ka, na mmom neɛ ɔde nkabom ba ne neɛ ɔka abusua no bom sɛ ntetemu bi ba a>>

Abdullah bin Amru Allah nnye wɔn ntom kaa sɛ: ɔkɔmhyɛni -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- kaa sɛ: <<ɛnyɛ obia ɔde nkabom ba abusua mu ne neɛ ɔyɛ bi tua ka, na mmom neɛ ɔde nkabom ba ne neɛ ɔka abusua no bom sɛ ntetemu bi ba a>>.

[Sahih/Authentic.] [Al-Bukhari]

الشرح

Ɔkɔmhyɛni -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- rebɔ yɛn amaneɛ sɛ: Sɛ ɛnyɛ nnipa a ɔwie pɛyɔ wɔ abusua nkabom ne papayɔ mu ma abusuafoɔ ne neɛ ɔyɛ papa de tua papa ka, Na mmom abusua nkabom pa ara ne neɛ sɛ abusua mu tete a ɔkabom, sɛ wɔyɛ bɔne tia no mpo a, ɔno deɛ ɔyɛ wɔn papa.

فوائد الحديث

Sɛ worekora abusua wɔ Islamsom mmrasɛm mu ne sɛ woreka wɔn a ayi wo to twene abɛn wo, na wode wɔn a afom wo mfomsoɔ bɛkyɛ wɔn, na wama wɔn a wɔsii wo biribi ho kwan, na worekora abusua nyɛ sɛ wode papa retua papa ka anaa sɛ wode bɔne retua bɔne ka.

Sɛ worekora abusua ntam ba mu berɛ woreyɛ papa pii sɛ neɛ wobɛtumi biara sɛ woreyi sika, worebɔ mpaeɛ, na worehyɛ afoforɔ ama wɔayɛ papa, na wabra wɔn afiri bɔne ho ne neɛ ɛkeka ho, na wabɔ wɔn ho ban afiri bɔne biara ɛbɛtumi ato wɔn.