إعدادات العرض
Ɔbɔfoɔ gabera kɔɔ so kaa afutusɛm kyerɛɛ me wɔ neɛ te bɛn me, Kɔpim sɛ me susu sɛ Ɔbɛ di m'adeɛ
Ɔbɔfoɔ gabera kɔɔ so kaa afutusɛm kyerɛɛ me wɔ neɛ te bɛn me, Kɔpim sɛ me susu sɛ Ɔbɛ di m'adeɛ
YƐ nya feri IBNU UMAR-Nyame peninee enka nu-ka se:KƆmwhenee-Asomdwe ne nhyira nka nu- ka se: Ɔbɔfoɔ gabera kɔɔ so kaa afutusɛm kyerɛɛ me wɔ neɛ te bɛn me, Kɔpim sɛ me susu sɛ Ɔbɛ di m'adeɛ.
[صحيح] [متفق عليه]
الترجمة
العربية বাংলা Bosanski English Español فارسی Français Bahasa Indonesia Русский Türkçe اردو 中文 हिन्दी ئۇيغۇرچە Kurdî Português മലയാളം తెలుగు Kiswahili தமிழ் සිංහල မြန်မာ Deutsch 日本語 پښتو Tiếng Việt অসমীয়া Shqip Svenska Čeština ગુજરાતી Yorùbá Nederlands Hausa دری Fulfulde Magyar ಕನ್ನಡ Кыргызча Lietuvių or Română Kinyarwanda Српски O‘zbek Moore नेपाली тоҷикӣ Wolof Soomaali Български Українська Tagalog Azərbaycan ქართული bm Македонски Ελληνικά ភាសាខ្មែរ አማርኛ Malagasy Oromoo ไทยالشرح
Ɔkɔmhyɛni (asomdwoeɛ ne nhyira nka no) bɔɔ amanneɛ sɛ Gabriel kɔɔ so tuu no fo mpɛn pii sɛ ɔnhwɛ n’afipamfoɔ yie, sɛ wɔyɛ Muslimifoɔ anaa wɔyɛ annye anniefoɔ, abusuafoɔ anaasɛ wɔnyɛ abusuafoɔ, denam wɔn kyɛfa a ɔbɛkora so, na ɔnyɛ wɔn bɔne, na wadɔ wɔn, na wanya abotare wɔ wɔn bɔne no ho. Ɔkɔmhyɛni (asomdwoeɛ ne nhyira nka no) susuu sɛ, ɛgyina obuo a ɔwɔ ma ofipamfoɔ no kyɛfa ne Gabriel afotuo a ɔtaa de ma no mpɛn pii no so no, adiyisɛm bi bɛba ne nkyɛn a ɛbɛma no anya adedie afiri ne fipamfoɔ no ahonya mu wɔ ne wuo akyi.فوائد الحديث
Ofipamfo kyɛfa ho mfasoɔ ne hia a ehia sɛ wodi so.
Kyɛfa a ofipamfo no wɔ so dua denam samanseɛ so no hwehwɛ sɛ wodi no ni, woyɛ no ayamyɛ, na wo ne no di no yie, bɔ ne ho ban firi asiane ho, kɔsra no berɛ a ɔyare, woma no amo berɛ a n’ani agye, na woma no awerɛkyekyerɛ nsɛm berɛ a ɔwɔ ahokyerɛ mu.
Ofipamfo no pono bɛn no ara na ne kyɛfa no nso ho rehia kɛse.
Islam mmara no pɛyɛ a ɛwie no gyina nea ɛde ba ɔmanfoɔ yiedie mu, a nea ɛka ho ne afipamfoɔ a wɔne wɔn di no yie na wɔbɔ wɔn ho ban firi asiane ho.