إعدادات العرض
Ɔmma ho kwan sɛ onipa bi ne onua bɛyɛ aka ama no aboro anadwo mmiɛnsa, sɛ wɔhyia a, na wei adane n’ani na wei nso adane n’ani, na wɔn mu neɛ ɔyɛ ne neɛ ɔbɛhyɛ aseɛ ato no yɔnko no salaam
Ɔmma ho kwan sɛ onipa bi ne onua bɛyɛ aka ama no aboro anadwo mmiɛnsa, sɛ wɔhyia a, na wei adane n’ani na wei nso adane n’ani, na wɔn mu neɛ ɔyɛ ne neɛ ɔbɛhyɛ aseɛ ato no yɔnko no salaam
Yɛnyaa hadisi yi firii Abu Ayyub Al Ansariyyu nkyɛn Allah nnye no ntom, sɛ Allah somafoɔ Allah nhyira ne n’asomdwoeɛ nka no kaa sɛ: << Ɔmma ho kwan sɛ onipa bi ne onua bɛyɛ aka ama no aboro anadwo mmiɛnsa, sɛ wɔhyia a, na wei adane n’ani na wei nso adane n’ani, na wɔn mu neɛ ɔyɛ ne neɛ ɔbɛhyɛ aseɛ ato no yɔnko no salaam>>.
[صحيح] [متفق عليه]
الترجمة
العربية বাংলা Bosanski English Español فارسی Français Bahasa Indonesia Русский Tagalog Türkçe اردو 中文 हिन्दी Kurdî Hausa Português മലയാളം తెలుగు Kiswahili தமிழ் မြန်မာ Deutsch 日本語 پښتو Tiếng Việt অসমীয়া Shqip Svenska Čeština ગુજરાતી Yorùbá Nederlands ئۇيغۇرچە සිංහල دری Fulfulde Magyar ಕನ್ನಡ Кыргызча Lietuvių or Română Kinyarwanda Српски O‘zbek Moore नेपाली Wolof Soomaali Български Українська Azərbaycan ქართული тоҷикӣ Bambara Македонски Ελληνικά ភាសាខ្មែរ አማርኛ Malagasy Oromoo ไทย मराठी ਪੰਜਾਬੀ Lingala Italiano yaoالشرح
Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n’asomdwoeɛ nka no abra sɛ muslimini ne onua muslimini bɛyɛ aka ama no aboro anadwo mmiɛnsa, na wɔn mu baako bɛhyia ne yɔnko na ɔnkyea no anaa ɔnkasa no ho. Na wɔn mmienu a ayaaka wɔ wɔntam no neɛ ɔyɛ papa ne neɛ ɔrebɔ ne ho mmɔden sɛ ɔbɛyi saa ayaaka no afiri hɔ, na ɔbɛhyɛ aseɛ ato onua no salaam, na ayaaka a ɔreka ho asɛm wɔ aha no yɛ ayaaka a ɛnam woara ankasa woyiedie bi ho nti baaɛ, na mmom ayaaka a ɛnam Allah Okokuroko no kyɛfa bi ho nti baaɛ no te sɛ wo ne abɔneyɛfoɔ, nsakratomfoɔ ne ayɔnko bɔne reyɛ aka deɛ, wei deɛ mmerɛ tenten biara nna so, na mmom ɛgyina mfasoɔ a ɛwɔ ayaaka no so, na ɛba awieɛ berɛ wɔayi afiri hɔ.فوائد الحديث
Pene a wɔpene so sɛ wɔyɛ aka nnansa anaa neɛ ennu saa no yɛ sɛneɛ onipa su teɛ nti, nti wɔde aka a ɔyɛ no nnansa mu de kyɛ kɔpem sɛ ɔbɛyi saa tebea no afiri hɔ.
Nkyea (Salaam toɔ) ho mfasoɔ ne sɛdeɛ etumi yi neɛ ɛwɔ akoma mu firi hɔ, na ɛka ɔdɔ nsohyɛ ho.
Sɛneɛ Islamsom bɔ anuadɔ ne kroyɛ a ɛwɔ wɔn ntam ho ban.
