“Obiara a ɔbɛhyia Onyankopɔn, na wamfa biribiara ammata Ne ho no, ɔbɛwura Ɔsoro Ahemman turo no mu, na obiara a ɔbɛhyia No, na ɔde biribi abata Ne ho no, ɔbɛwura egya no mu

“Obiara a ɔbɛhyia Onyankopɔn, na wamfa biribiara ammata Ne ho no, ɔbɛwura Ɔsoro Ahemman turo no mu, na obiara a ɔbɛhyia No, na ɔde biribi abata Ne ho no, ɔbɛwura egya no mu

Firi Jaber bin Abdullah hɔ, Onyankopɔn ani nnye wɔn baanu nyinaa ho, ɔkaa sɛ: Metee sɛ Onyankopɔn Somafoɔ no, Onyankopɔn nhyira ne asomdwoe nka no, reka sɛ: “Obiara a ɔbɛhyia Onyankopɔn, na wamfa biribiara ammata Ne ho no, ɔbɛwura Ɔsoro Ahemman turo no mu, na obiara a ɔbɛhyia No, na ɔde biribi abata Ne ho no, ɔbɛwura egya no mu.

[صحيح] [رواه مسلم]

الشرح

Ɔkɔmhyɛni no, Nyankopɔn nhyira ne asomdwoeɛ nka no, ka kyerɛ yɛn sɛ obiara a ɔbɛwu a wamfa biribiara ammata Onyankopɔn ho no, wɔde no bɛto Ɔsoro Ahemman turo no mu, sɛ mpo wɔtwe n’aso wɔ ne bɔne no bi ho a, na obiara a ɔbɛwu a ɔde biribi bataa Onyankopɔn ho no bɛtena egya no mu daa.

فوائد الحديث

Onyame koro mu gyidie su pa, na ɛyɛ nea enti a ɛsɛ sɛ wɔpɛ nkwagyeɛ firi daa asetena wɔ egya no mu.

Ɔsoro Ahemman turo ne egya no bɛn a ɛbɛn akoa no ne sɛ biribiara nni ɔne wɔn ntam gye owuo.

Kɔkɔbɔ fa mmatahosom ho, ne ketewa ne ne kɛseɛ ;Efiri sɛ nkwagyeɛ firi egya no nam kwati a wobɛkwati so.

Asuadeɛ a ɛwɔ nnwuma mu no ne wɔn awieeɛ.

التصنيفات

Polytheism, Descriptions of Paradise and Hell