Obibiara a ɔbɛdi obi bɔne (ɔbɛha) no, Allah nso bɛha no, na obibiara a ɔbɛyɛ nneɛma mu den ama afoforɔ no, Allah bɛyɛ nneɛma mu den ama no

Obibiara a ɔbɛdi obi bɔne (ɔbɛha) no, Allah nso bɛha no, na obibiara a ɔbɛyɛ nneɛma mu den ama afoforɔ no, Allah bɛyɛ nneɛma mu den ama no

Yɛnyaa hadisi yi firii Abi Sirmatu nkyɛn Allah nnye no ntom, sɛ Allah somafoɔ Allah nhyira ne n’asomdwoeɛ nka no, ɔkaa sɛ: "Obibiara a ɔbɛdi obi bɔne (ɔbɛha) no, Allah nso bɛha no, na obibiara a ɔbɛyɛ nneɛma mu den ama afoforɔ no, Allah bɛyɛ nneɛma mu den ama no".

[حسن] [رواه أبو داود والترمذي وابن ماجه وأحمد]

الشرح

Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n’asomdwoeɛ nka no bɔɔ yɛn kɔkɔ fa ɔhaw a ɔde to muslimini so, anaa sɛ wode no rekɔ ahokyerɛ bi mu wɔ ɔkwan biara so wɔ ne dwumadie mu; wɔ ne nipadua so, anaa ne sika mu anaa n’abusua mu, na neɛ ɔbɛyɛ saa no Allah bɛtua no ka, na Wagyina no dwumadie so atwe n’aso .

فوائد الحديث

Bra a wabra sɛ wode ɔhaw bi bɛto muslimini bi so na wode no akɔ ahokyerɛ bi mu.

Allah aweredie a Ɔdi ma no nkoa

التصنيفات

Rulings of Allegiance and Dissociation