Mma ndidi awufoɔ atɛm, ɛfiri sɛ wɔaduru (dwumadie) wɔde too wɔn anim ho dada

Mma ndidi awufoɔ atɛm, ɛfiri sɛ wɔaduru (dwumadie) wɔde too wɔn anim ho dada

Yɛnyaa hadisi yi firii Aisha nkyɛn Allah nnye no ntom, ɔkaa sɛ: ɔkɔmhyɛni -Allah nhyira ne n’asomdwoeɛ nka no- kaa sɛ: << Mma ndidi awufoɔ atɛm, ɛfiri sɛ wɔaduru (dwumadie) wɔde too wɔn anim ho dada>>.

[صحيح] [رواه البخاري]

الشرح

Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n’asomdwoeɛ nka no rekyerɛ yɛn bra a wabra sɛ yɛdome awufoɔ na yɛreko atia wɔn annimuonyam, na wei yɛ sintɔ wɔ suban mu, ɛfiri sɛ wɔn aduru neɛ wɔn de too wɔn anim ho dada sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne, na sɛneɛ saa nnome yi nnuru wɔn nkyɛn no neɛ ɛyɛ a ne sɛ ɛha ateasefoɔ no.

فوائد الحديث

Hadisi yi yɛ nnyinasoɔ ma bra a wabra sɛ yɛdome awufoɔ.

Sɛ yɛregyae sɛ yɛredome awufoɔ wɔ mfasoɔ ma ateasefoɔ yiedie ho, na ɛbɔ asomdwoeɛ ɛwɔ yɛn mpatamu ho ban firi ntawantawa ne ɔtan ho.

Nyansasua a ɛwɔ bra a wabra sɛ wɔdome awufoɔ no ne sɛ wɔn aduru neɛ wɔde too wɔn anim ho (wɔn nnwumadie) nti nnome wobɛdome wɔn nni mfasoɔ biara wɔ wɔn so, na mmom ɔhaw wɔ mu ma n’abusuafoɔ ne ateasefoɔ no.

Na mfata sɛ onipa bɛka neɛ ɛmfa yiedie biara mma.

التصنيفات

Virtues and Manners, Death and Its Rulings