إعدادات العرض
Sɛ muslimifoɔ mmienu de wɔn sikan hyia mu a; ɛneɛ na owudifoɔ no ne neɛ wadi no awu no nyina ara yɛ ogya mu nnipa
Sɛ muslimifoɔ mmienu de wɔn sikan hyia mu a; ɛneɛ na owudifoɔ no ne neɛ wadi no awu no nyina ara yɛ ogya mu nnipa
Yɛnyaa hadisi yi firii Abubakara hɔ, Allah nnye no ntom ɔkaa sɛɛ: metee sɛ Allah somafoɔ no -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- reka sɛ: «Sɛ muslimifoɔ mmienu de wɔn sikan hyia mu a; ɛneɛ na owudifoɔ no ne neɛ wadi no awu no nyina ara yɛ ogya mu nnipa» na mekaa sɛ: oh Allah somafoɔ! wei deɛ ɔyɛ owudini na neɛ wadi no awu no nsoɛ? Ɔkaa sɛ: << esipi sɛ ɔno nso pɛɛ sɛ ɔkum ne yɔnko no>>.
الترجمة
العربية বাংলা Bosanski English Español فارسی Français Bahasa Indonesia Русский Tagalog Türkçe اردو 中文 हिन्दी ئۇيغۇرچە Kurdî Hausa Português മലയാളം తెలుగు Kiswahili မြန်မာ Deutsch 日本語 پښتو Tiếng Việt অসমীয়া Shqip Svenska Čeština ગુજરાતી አማርኛ Yorùbá Nederlands සිංහල தமிழ் ไทย دری Fulfulde Magyar Italiano ಕನ್ನಡ Кыргызча Lietuvių Malagasy or Română Kinyarwanda Српски тоҷикӣ O‘zbek Moore नेपाली Oromoo Wolof Soomaali Български Українська Azərbaycan bm ქართული Македонски Lingala Ελληνικά kmالشرح
Ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no rebɔ yɛn amaneɛ sɛ, sɛ muslimifoɔ mmienu de wɔn sikan hyia mu na wɔn mu biara tirimupɔ ne sɛ okum ɔnua a, ɛneɛ na owudifoɔ no bɛkɔ ogya mu ɛnam sɛ wakum ne yɔnko no prɛko pɛ. Neɛ wakum noɔ n'asɛm yɛɛ asuafoɔ no nwanwa, esidɛn na ɔno nso kɔ ogya mu? Ɛna ɔkɔmhyɛni Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no bɔɔ wɔn amaneɛ sɛ ɔno nso bɛkɔ ogya mu ɛnam ɔno nso ahokeka a ɔyɛɛ sɛ ɔrekum ne yɔnko no, na ɛnyɛ biribiara na sii no kwan a amma wankum ne yɔnko no ɛka sɛ ne yɔnko no diikan kum noɔ.فوائد الحديث
Asotwee wɔ hɔ ma obi a wabɔ n'akoma mu sɛ ɔbɛyɛ bɔne bi na ɔde ne ho ahyɛ nneɛma a ɛde ba no mu.
Kɔkɔbɔ a ano ɛyɛ den retia muslimifoɔ wɔreko tia wɔn ho ne ahwɛyie fa ogya dareɛ no ho.
Muslimifoɔ ntam ako a ɛnam nokware kwan so nka saa kɔkɔbɔ no ho, te sɛ woreko tia atuatefoɔ ne asɛesɛefoɔ.
Neɛ ɔyɛ bɔne akɛseɛ no bi nyɛ bɔniayɛni (kaafirini) berɛ ɔbɛyɛ bɔne no prɛko pɛ, ɛfiri sɛ ɔkɔmhyɛni -Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no- frɛɛ akofoɔ mmienu no muslimifoɔ.
Sɛ muslimifoɔ mmienu nam ɔkwan biara so a ɛbɛtumi adi awu de si anii, na wɔn mu baako kum ne yɔnko a, neɛ wadi awu ne neɛ yɛadi no awu no nyina ara bɛkɔ ogya mu, sikan a Ɔbɔɔ din wɔ hadisi no mu no yɛ mfatoho kwan so.