إعدادات العرض
《Oh Onyankopɔn! neɛ ɔbɛdi me dɔm yi anim wɔ wɔn dwumadie bi mu na wayɛ nneɛma mu den ama wɔn no; ma nneɛma mu ɛnyɛ den ma no, na obi a ɔbɛdi me dɔm yi anim na wama nneɛma mu ayɛ mmrɛ ama wɔn no ma nneɛma mu nyɛ mmrɛ ma no》
《Oh Onyankopɔn! neɛ ɔbɛdi me dɔm yi anim wɔ wɔn dwumadie bi mu na wayɛ nneɛma mu den ama wɔn no; ma nneɛma mu ɛnyɛ den ma no, na obi a ɔbɛdi me dɔm yi anim na wama nneɛma mu ayɛ mmrɛ ama wɔn no ma nneɛma mu nyɛ mmrɛ ma no》
Yɛnyaa hadisi yi firii Aisha nkyɛn, (Allah nnye no ntom) ɔkaa sɛ: mete firii Allah somafoɔ no nkyɛn (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) sɛ ɔreka wɔ me fie ha sɛ: 《Oh Onyankopɔn! neɛ ɔbɛdi me dɔm yi anim wɔ wɔn dwumadie bi mu na wayɛ nneɛma mu den ama wɔn no; ma nneɛma mu ɛnyɛ den ma no, na obi a ɔbɛdi me dɔm yi anim na wama nneɛma mu ayɛ mmrɛ ama wɔn no ma nneɛma mu nyɛ mmrɛ ma no》.
[صحيح] [رواه مسلم]
الترجمة
العربية বাংলা Bosanski English Español فارسی Français Bahasa Indonesia Русский Tagalog Türkçe اردو 中文 हिन्दी Kurdî Hausa Português മലയാളം తెలుగు Kiswahili தமிழ் မြန်မာ Deutsch 日本語 پښتو Tiếng Việt অসমীয়া Shqip Svenska Čeština ગુજરાતી Yorùbá Nederlands ئۇيغۇرچە සිංහල دری Fulfulde Magyar ಕನ್ನಡ Кыргызча Lietuvių or Română Kinyarwanda Српски O‘zbek Moore नेपाली тоҷикӣ Wolof Soomaali Български Українська Azərbaycan ქართული Bambara Македонски Ελληνικά ភាសាខ្មែរ አማርኛ Malagasy Oromoo ไทย मराठी ਪੰਜਾਬੀ Lingala Italianoالشرح
Allah somafoɔ (Allah nhyira ne n'asomdwoeɛ nka no) abɔ mpaeɛ atia obibiara a wɔde muslimifoɔ dwumadie bi ahyɛ ne nsa, sɛ ɛyɛ ketewa anaa kɛseɛ, sɛ ɛyɛ dibea mua anaa ɔfa bi, na ahokyerɛ bɛba wɔn so na wanyɛ nneɛma mu mmrɛ ama wɔn no, sɛ Allah Okokuroko mfa ne dwumadie so akatua ma no; Ɔnyɛ nneɛma mu den ma no. Na deɛ ɔbɛdwo na wayɛ nneɛma mu mmrɛ ama wɔn no, Allah nnwo ma no na Ɔnyɛ ne nneɛma mu mmrɛ ma no.فوائد الحديث
Ɛyɛ nhyɛ sɛ obibiara a ɔdi muslimifoɔ dwumadie bi so no yɛ nneɛma mu mmrɛ ma wɔn sɛneɛ ɔbɛtumi biara.
Dwuma a wobɛdi no ɛso akatua na wobɛnya.
Nsania a ɛkyerɛ neɛ ɛyɛ ahodwoɔ ne ahokyerɛ ne neɛ ɛne Kur'ani ne Sunna (Ɔkɔmhyɛni akwan) mmɔ abira.